Native Bible

Psalms 106:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ; na ɔkyirii nʼagyapadeɛ.

Psalms 106:40 in English

Psalms 106:40 · Berean Standard Bible

So the anger of the LORD burned against His people, and He abhorred His own inheritance.

Context

38Wɔkaa mogya a ɛdi bem guiɛ; wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mogya a wɔde bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni no maa asase no ho guu fi. 39Wɔde deɛ wɔyɛeɛ no guu wɔn ankasa ho fi; wɔnam deɛ wɔyɛeɛ no so bɔɔ adwaman. 40Enti, Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ; na ɔkyirii nʼagyapadeɛ. 41Ɔdanee wɔn maa amanaman no, na wɔn atamfoɔ dii wɔn so. 42Wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.