Nnwom 106:41
Psalms 106:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔdanee wɔn maa amanaman no, na wɔn atamfoɔ dii wɔn so.
Psalms 106:41 in English
Psalms 106:41 · Berean Standard Bible
He delivered them into the hand of the nations, and those who hated them ruled over them.
Context
39Wɔde deɛ wɔyɛeɛ no guu wɔn ankasa ho fi;
wɔnam deɛ wɔyɛeɛ no so bɔɔ adwaman. 40Enti, Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ;
na ɔkyirii nʼagyapadeɛ. 41Ɔdanee wɔn maa amanaman no,
na wɔn atamfoɔ dii wɔn so. 42Wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so
na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase. 43Mpɛn bebree, Awurade gyee wɔn,
nanso wɔkɔɔ so tee atua
na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.