Nnwom 105:23
Psalms 105:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Israel kɔɔ Misraim; Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani.
Psalms 105:23 in English
Psalms 105:23 · Berean Standard Bible
Then Israel entered Egypt; Jacob dwelt in the land of Ham.
Context
21Ɔyɛɛ no ne fiefoɔ so wura,
deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ, 22sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma deɛ ɔpɛ
na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa. 23Afei, Israel kɔɔ Misraim;
Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani. 24Awurade maa ne nkurɔfoɔ ase dɔreeɛ;
ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfoɔ, 25wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔ
na wɔmpam nʼasomfoɔ tiri so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.