Native Bible

Psalms 105:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔ na wɔmpam nʼasomfoɔ tiri so.

Psalms 105:25 in English

Psalms 105:25 · Berean Standard Bible

whose hearts He turned to hate His people, to conspire against His servants.

Context

23Afei, Israel kɔɔ Misraim; Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani. 24Awurade maa ne nkurɔfoɔ ase dɔreeɛ; ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfoɔ, 25wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔ na wɔmpam nʼasomfoɔ tiri so. 26Ɔsomaa ne ɔsomfoɔ Mose, ne Aaron a na wayi noɔ no. 27Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ wɔn mu, nʼanwanwadeɛ wɔ Ham asase so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.