Native Bible

Proverbs 13:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asutire, ɛyi onipa firi owuo afidie mu.

Proverbs 13:14 in English

Proverbs 13:14 · Berean Standard Bible

The teaching * of the wise is a fountain of life, turning one from the snares of death.

Context

12Anidasoɔ a wɔtu hyɛ da no bɔ akoma yadeɛ, nanso anigyinadeɛ a nsa aka no yɛ nkwa dua. 13Deɛ ɔtwiri ahyɛdeɛ no bɛtua so ka, nanso deɛ ɔde obuo ma mmara no, wɔma no akatua. 14Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asutire, ɛyi onipa firi owuo afidie mu. 15Nhunumu pa de adom ba, nanso atorofoɔ ɛkwan so yɛ den. 16Ɔbadwemma biara yɛ nʼadeɛ wɔ nimdeɛ mu, nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.