Native Bible

Proverbs 13:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nhunumu pa de adom ba, nanso atorofoɔ ɛkwan so yɛ den.

Proverbs 13:15 in English

Proverbs 13:15 · Berean Standard Bible

Good understanding wins favor, but the way of the faithless is difficult.

Context

13Deɛ ɔtwiri ahyɛdeɛ no bɛtua so ka, nanso deɛ ɔde obuo ma mmara no, wɔma no akatua. 14Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asutire, ɛyi onipa firi owuo afidie mu. 15Nhunumu pa de adom ba, nanso atorofoɔ ɛkwan so yɛ den. 16Ɔbadwemma biara yɛ nʼadeɛ wɔ nimdeɛ mu, nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi. 17Ɔsomafoɔ mumuyɛfoɔ tɔ amaneɛ mu, nanso ɔnanmusini nokwafoɔ de abodwoɔ ba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.