Native Bible

Philippians 4:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano.

Philippians 4:13 in English

Philippians 4:13 · Berean Standard Bible

I can do all things through Christ who gives me strength.*

Context

11Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me, ɛfiri sɛ, me suahunu enti tebea biara a mekɔ mu no, ɛnha me. 12Menim ohia, nim ahonya, Masua saa ahintasɛm yi enti baabiara ne ɛberɛ biara, sɛ ɛkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakra bi no, mepɛ no saa ara. 13Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano. 14Ɛyɛ sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu. 15Mo Filipifoɔ no ankasa nim pefee sɛ ɛberɛ a mefirii Makedonia a na merefiti Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara ne asafo a mo ne me kyɛɛ mo ahonyadeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.