Filipifoɔ 4:11
Philippians 4:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me, ɛfiri sɛ, me suahunu enti tebea biara a mekɔ mu no, ɛnha me.
Philippians 4:11 in English
Philippians 4:11 · Berean Standard Bible
I am not saying this out of need, for I have learned to be content regardless of my circumstances.
Context
9Deɛ moasua na moanya afiri me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛeɛ mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoeɛ no bɛka mo ho. 10Mʼani gye wɔ Awurade mu sɛ afei deɛ moakyerɛ ɔdɔ a mode dɔ me. Ɛyɛ nokorɛ sɛ modɔ me deɛ, nanso na monnya ho ɛkwan nkyerɛ saa. 11Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me, ɛfiri sɛ, me suahunu enti tebea biara a mekɔ mu no, ɛnha me. 12Menim ohia, nim ahonya, Masua saa ahintasɛm yi enti baabiara ne ɛberɛ biara, sɛ ɛkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakra bi no, mepɛ no saa ara. 13Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.