Filipifoɔ 4:14
Philippians 4:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛyɛ sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu.
Philippians 4:14 in English
Philippians 4:14 · Berean Standard Bible
Nevertheless, you have done well to share in my affliction.
Context
12Menim ohia, nim ahonya, Masua saa ahintasɛm yi enti baabiara ne ɛberɛ biara, sɛ ɛkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakra bi no, mepɛ no saa ara. 13Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano. 14Ɛyɛ sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu. 15Mo Filipifoɔ no ankasa nim pefee sɛ ɛberɛ a mefirii Makedonia a na merefiti Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara ne asafo a mo ne me kyɛɛ mo ahonyadeɛ. 16Mewɔ Tesalonika no, ɛberɛ biara a biribi ho bɛhia me no, mode brɛ me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.