Obadia 1:4
Obadiah 1:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ, na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Obadiah 1:4 in English
Obadiah 1:4 · Berean Standard Bible
Though you soar like the eagle and make your nest among the stars, even from there I will bring you down,” declares the LORD.
Context
2Awurade ka kyerɛ Edom sɛ:
“Hwɛ mɛbrɛ wo ase,
mɛyɛ wo akumaa wɔ aman no mu,
na wɔabu wo animtia. 3Wayɛ ahantan adaadaa wo ho,
Wo a wote abotan ntokuro mu
na wayɛ wʼatenaeɛ wɔ mmepɔ so,
na woka kyerɛ wo ho sɛ,
‘Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?’ 4Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ,
na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a,
ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.”
Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 5“Sɛ akorɔmfoɔ ba wo so a,
anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a,
atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo?
Na wɔrenwia wo nneɛma dodoɔ a wɔpɛ anaa?
Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a,
ɛnyɛ bobe aba kakra bi pɛ na wɔbɛgya wo anaa? 6Na wo Esau deɛ wɔbɛwia wʼademudeɛ
a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.