Native Bible

Obadiah 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wayɛ ahantan adaadaa wo ho, Wo a wote abotan ntokuro mu na wayɛ wʼatenaeɛ wɔ mmepɔ so, na woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?’

Obadiah 1:3 in English

Obadiah 1:3 · Berean Standard Bible

The pride of your heart has deceived you, O dwellers in the clefts of the rocks * whose habitation is the heights, who say in your heart, ‘Who can bring me down to the ground?’

Context

1Anisoadehunu a Awurade Onyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia nie: Yɛate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn. Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkaa sɛ, “Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.” 2Awurade ka kyerɛ Edom sɛ: “Hwɛ mɛbrɛ wo ase, mɛyɛ wo akumaa wɔ aman no mu, na wɔabu wo animtia. 3Wayɛ ahantan adaadaa wo ho, Wo a wote abotan ntokuro mu na wayɛ wʼatenaeɛ wɔ mmepɔ so, na woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?’ 4Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ, na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 5“Sɛ akorɔmfoɔ ba wo so a, anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo? Na wɔrenwia wo nneɛma dodoɔ a wɔpɛ anaa? Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a, ɛnyɛ bobe aba kakra bi pɛ na wɔbɛgya wo anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.