Native Bible

Obadiah 1:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wo Esau deɛ wɔbɛwia wʼademudeɛ a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.

Obadiah 1:6 in English

Obadiah 1:6 · Berean Standard Bible

But how Esau will be pillaged, his hidden treasures sought out!

Context

4Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ, na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 5“Sɛ akorɔmfoɔ ba wo so a, anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo? Na wɔrenwia wo nneɛma dodoɔ a wɔpɛ anaa? Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a, ɛnyɛ bobe aba kakra bi pɛ na wɔbɛgya wo anaa? 6Na wo Esau deɛ wɔbɛwia wʼademudeɛ a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso. 7Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa bɛdi wo hwammɔ. Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu no bɛdaadaa wo adi wo so, wɔn a wɔdi wʼaduane no asum wo afidie, nanso, wonhunuiɛ. 8“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ, “Merensɛe anyansafoɔ a ɛwɔ Edom anaa, mmarima a wɔte asɛm ase a wɔwɔ Esau mmepɔ so anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.