Obadia 1:17
Obadiah 1:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ, na Yakob efie nsa bɛsane aka nʼagyapadeɛ.
Obadiah 1:17 in English
Obadiah 1:17 · Berean Standard Bible
But on Mount Zion there will be deliverance, and it will be holy, and the house of Jacob will reclaim their possession.
Context
15“Awurade ɛda no abɛn
ama amanaman nyinaa.
Na hwɛ, Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no
saa ara na wɔbɛyɛ woɔ.
Wo nneyɛeɛ bɛsane abɛgu wo tiriso. 16Sɛdeɛ mononom nsã wɔ me bepɔ kronkron so no,
saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom,
saa ara na ɛbɛkɔ so ɛda biara
na wɔbɛyɛ te sɛ deɛ wonni hɔ. 17Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so
na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ,
na Yakob efie nsa
bɛsane aka nʼagyapadeɛ. 18Yakob efie bɛyɛ ogya
na Yosef efie ayɛ ogyaframa;
Esau efie deɛ ɛbɛyɛ adehunu bi
na wɔde ogya bɛto mu ahye no a
obiara renka wɔ efie hɔ.”
Deɛ Awurade seɛ nie. 19Nkurɔfoɔ a wɔfiri Negeb no
bɛtena Esau mmepɔ so,
Na wɔn a wɔfiri nkokoɔ no ase no,
bɛfa Filistia asase no,
na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuo atena so,
na Benyamin nso afa Gilead.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.