Native Bible

Obadiah 1:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛdeɛ mononom nsã wɔ me bepɔ kronkron so no, saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom, saa ara na ɛbɛkɔ so ɛda biara na wɔbɛyɛ te sɛ deɛ wonni hɔ.

Obadiah 1:16 in English

Obadiah 1:16 · Berean Standard Bible

For as you drank on My holy mountain, so all the nations will drink continually. They will drink and gulp it down; they will be as if they had never existed.

Context

14Anka ɛnsɛ sɛ wotɛ wɔn nkwantanan soɔ kunkumm nʼadwanefoɔ Na woyi wɔn a aka no ma wɔ wɔn amanehunu ɛda no mu. 15“Awurade ɛda no abɛn ama amanaman nyinaa. Na hwɛ, Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no saa ara na wɔbɛyɛ woɔ. Wo nneyɛeɛ bɛsane abɛgu wo tiriso. 16Sɛdeɛ mononom nsã wɔ me bepɔ kronkron so no, saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom, saa ara na ɛbɛkɔ so ɛda biara na wɔbɛyɛ te sɛ deɛ wonni hɔ. 17Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ, na Yakob efie nsa bɛsane aka nʼagyapadeɛ. 18Yakob efie bɛyɛ ogya na Yosef efie ayɛ ogyaframa; Esau efie deɛ ɛbɛyɛ adehunu bi na wɔde ogya bɛto mu ahye no a obiara renka wɔ efie hɔ.” Deɛ Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.