Obadia 1:19
Obadiah 1:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nkurɔfoɔ a wɔfiri Negeb no bɛtena Esau mmepɔ so, Na wɔn a wɔfiri nkokoɔ no ase no, bɛfa Filistia asase no, na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuo atena so, na Benyamin nso afa Gilead.
Obadiah 1:19 in English
Obadiah 1:19 · Berean Standard Bible
Those from the Negev will possess the mountains of Esau; those from the foothills * will possess the land of the Philistines. They will occupy the fields of Ephraim and Samaria, and Benjamin will possess Gilead.
Context
17Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so
na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ,
na Yakob efie nsa
bɛsane aka nʼagyapadeɛ. 18Yakob efie bɛyɛ ogya
na Yosef efie ayɛ ogyaframa;
Esau efie deɛ ɛbɛyɛ adehunu bi
na wɔde ogya bɛto mu ahye no a
obiara renka wɔ efie hɔ.”
Deɛ Awurade seɛ nie. 19Nkurɔfoɔ a wɔfiri Negeb no
bɛtena Esau mmepɔ so,
Na wɔn a wɔfiri nkokoɔ no ase no,
bɛfa Filistia asase no,
na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuo atena so,
na Benyamin nso afa Gilead. 20Nipakuo a wɔyɛ Israel atukɔfoɔ
bɛfa Kanaan asase no akɔsi Sarefat;
na atukɔfoɔ a wɔfiri Yerusalem a
wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkuro no adi so. 21Agyefoɔ bɛkɔ Sion bepɔ so,
akɔdi Edom mmepɔ so.
Na ahennie no bɛyɛ Awurade dea!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.