4 Mose 27:6
Numbers 27:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade buaa Mose sɛ,
Numbers 27:6 in English
Numbers 27:6 · Berean Standard Bible
and the LORD answered him,
Context
4Adɛn enti na ɛsiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima enti ne din ayera? Yɛgye di sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma yɛn agyapadeɛ a yɛn agya nuammarimanom anya no bi.” 5Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim. 6Awurade buaa Mose sɛ, 7“Asɛm a Selofehad mmammaa no ka no yɛ nokorɛ. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapadeɛ a sɛ wɔn agya no te ase a anka ɔbɛnya no ma wɔn. 8“Deɛ ɛdi hɔ bio ne sɛ, ɛsiane sɛ ɛyɛ mo mmara sɛ, sɛ obi wu na ɔnni mmammarima a wɔbɛdi nʼadeɛ a ɛsɛ sɛ nʼagyapadeɛ kɔ ne mmammaa hɔ enti, monyɛ no saa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.