Native Bible

Numbers 27:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adɛn enti na ɛsiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima enti ne din ayera? Yɛgye di sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma yɛn agyapadeɛ a yɛn agya nuammarimanom anya no bi.”

Numbers 27:4 in English

Numbers 27:4 · Berean Standard Bible

Why should the name of our father disappear from his clan because he had no sons? Give us property among our father’s brothers.”

Context

2Na mmaa no yɛ Yosef babarima Manase abusuafoɔ fa bi. Na wɔn ase firi Makir a ɔyɛ Manase babarima no fie. Na Manase babarima Gilead yɛ wɔn nana nkansowa ɛnna ne babarima Hefer nso yɛ wɔn nana ɛnna wɔn babarima Selofehad yɛ wɔn agya. 3Wɔkaa sɛ, “Yɛn agya wuu ɛserɛ so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa Awurade a enti ɛmaa wɔwuwuiɛ no ho. Ɔno ankasa bɔne enti na ɔwuiɛ. 4Adɛn enti na ɛsiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima enti ne din ayera? Yɛgye di sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma yɛn agyapadeɛ a yɛn agya nuammarimanom anya no bi.” 5Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim. 6Awurade buaa Mose sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.