4 Mose 27:2
Numbers 27:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na mmaa no yɛ Yosef babarima Manase abusuafoɔ fa bi. Na wɔn ase firi Makir a ɔyɛ Manase babarima no fie. Na Manase babarima Gilead yɛ wɔn nana nkansowa ɛnna ne babarima Hefer nso yɛ wɔn nana ɛnna wɔn babarima Selofehad yɛ wɔn agya.
Numbers 27:2 in English
Numbers 27:2 · Berean Standard Bible
the entrance to the Tent of Meeting, stood before Moses, Eleazar the priest, the leaders, and the whole congregation, and said,
Context
1Ɛda koro bi, Hefer babarima Selofehad mmammaa a wɔn edin ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano sɛ wɔde adesrɛ bi rebɛto Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua panin ne afoforɔ a wɔwɔ hɔ no anim. 2Na mmaa no yɛ Yosef babarima Manase abusuafoɔ fa bi. Na wɔn ase firi Makir a ɔyɛ Manase babarima no fie. Na Manase babarima Gilead yɛ wɔn nana nkansowa ɛnna ne babarima Hefer nso yɛ wɔn nana ɛnna wɔn babarima Selofehad yɛ wɔn agya. 3Wɔkaa sɛ, “Yɛn agya wuu ɛserɛ so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa Awurade a enti ɛmaa wɔwuwuiɛ no ho. Ɔno ankasa bɔne enti na ɔwuiɛ. 4Adɛn enti na ɛsiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima enti ne din ayera? Yɛgye di sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma yɛn agyapadeɛ a yɛn agya nuammarimanom anya no bi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.