Native Bible

Numbers 26:43 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mmarima a na wɔwɔ saa mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ɛnan ne ahanan (64,400).

Numbers 26:43 in English

Numbers 26:43 · Berean Standard Bible

All of them were Shuhamite clans, and their registration numbered 64,400.

Context

41Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahansia (45,600). 42Yei ne abusua a ɛfiri Dan babarima asefoɔ mu. Suhamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham. Na Dan mmusua no nyinaa yɛ Suhamfoɔ. 43Mmarima a na wɔwɔ saa mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ɛnan ne ahanan (64,400). 44Yeinom ne mmusua a wɔfiri Aser mmammarima mu. Yimnafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna. Isuifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui. Beriafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria. 45Yeinom ne mmusua a wɔfiri Beriafoɔ mu. Heberfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Heber. Malkielfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.