4 Mose 26:44
Numbers 26:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Aser mmammarima mu. Yimnafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna. Isuifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui. Beriafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.
Numbers 26:44 in English
Numbers 26:44 · Berean Standard Bible
These were the descendants of Asher by their clans: The Imnite clan from Imnah, the Ishvite clan from Ishvi, and the Beriite clan from Beriah.
Context
42Yei ne abusua a ɛfiri Dan babarima asefoɔ mu.
Suhamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham.
Na Dan mmusua no nyinaa yɛ Suhamfoɔ. 43Mmarima a na wɔwɔ saa mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ɛnan ne ahanan (64,400). 44Yeinom ne mmusua a wɔfiri Aser mmammarima mu.
Yimnafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna.
Isuifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui.
Beriafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria. 45Yeinom ne mmusua a wɔfiri Beriafoɔ mu.
Heberfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Heber.
Malkielfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel. 46Na Aser wɔ ɔbabaa bi a ne din de Sera.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.