Native Bible

Numbers 26:45 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yeinom ne mmusua a wɔfiri Beriafoɔ mu. Heberfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Heber. Malkielfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.

Numbers 26:45 in English

Numbers 26:45 · Berean Standard Bible

And these were the descendants of Beriah: the Heberite clan from Heber and the Malchielite clan from Malchiel.

Context

43Mmarima a na wɔwɔ saa mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ɛnan ne ahanan (64,400). 44Yeinom ne mmusua a wɔfiri Aser mmammarima mu. Yimnafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna. Isuifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui. Beriafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria. 45Yeinom ne mmusua a wɔfiri Beriafoɔ mu. Heberfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Heber. Malkielfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel. 46Na Aser wɔ ɔbabaa bi a ne din de Sera. 47Mmarima a na wɔwɔ Aser mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.