Native Bible

Numbers 26:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yeinom ne mmusua nketewa wɔfiri Peresfoɔ ase. Hesronfoɔ abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron. Hamulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.

Numbers 26:21 in English

Numbers 26:21 · Berean Standard Bible

And these were the descendants of Perez: the Hezronite clan from Hezron and the Hamulite clan from Hamul.

Context

19Na Yuda wɔ mmammarima baanu a wɔn edin de Er ne Onan a na wɔawuwu wɔ Kanaan asase so. 20Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase. Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela. Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres. Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah. 21Yeinom ne mmusua nketewa wɔfiri Peresfoɔ ase. Hesronfoɔ abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron. Hamulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul. 22Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduɔson nsia ne ahanum. 23Yeinom ne mmusua a wɔfiri Isakar mmammarima ase: Tolafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola. Puwafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.