Native Bible

Numbers 26:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yeinom ne mmusua a wɔfiri Isakar mmammarima ase: Tolafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola. Puwafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa.

Numbers 26:23 in English

Numbers 26:23 · Berean Standard Bible

These were the descendants of Issachar by their clans: The Tolaite clan from Tola, the Punite clan from Puvah,*

Context

21Yeinom ne mmusua nketewa wɔfiri Peresfoɔ ase. Hesronfoɔ abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron. Hamulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul. 22Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduɔson nsia ne ahanum. 23Yeinom ne mmusua a wɔfiri Isakar mmammarima ase: Tolafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola. Puwafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa. 24Yasubfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub. Simronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron. 25Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia nan ne ahasa (64,300).

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.