4 Mose 26:20
Numbers 26:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase. Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela. Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres. Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.
Numbers 26:20 in English
Numbers 26:20 · Berean Standard Bible
These were the descendants of Judah by their clans: The Shelanite clan from Shelah, the Perezite clan from Perez, and the Zerahite clan from Zerah.
Context
18Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan ne ahanum (40,500). 19Na Yuda wɔ mmammarima baanu a wɔn edin de Er ne Onan a na wɔawuwu wɔ Kanaan asase so. 20Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase.
Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela.
Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres.
Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah. 21Yeinom ne mmusua nketewa wɔfiri Peresfoɔ ase.
Hesronfoɔ abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron.
Hamulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul. 22Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduɔson nsia ne ahanum.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.