4 Mose 26:19
Numbers 26:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Yuda wɔ mmammarima baanu a wɔn edin de Er ne Onan a na wɔawuwu wɔ Kanaan asase so.
Numbers 26:19 in English
Numbers 26:19 · Berean Standard Bible
The sons of Judah were Er and Onan, but they died in the land of Canaan.
Context
17Arodfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Arod.
Arelifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli. 18Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan ne ahanum (40,500). 19Na Yuda wɔ mmammarima baanu a wɔn edin de Er ne Onan a na wɔawuwu wɔ Kanaan asase so. 20Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase.
Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela.
Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres.
Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah. 21Yeinom ne mmusua nketewa wɔfiri Peresfoɔ ase.
Hesronfoɔ abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron.
Hamulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.