4 Mose 24:15
Numbers 24:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie; nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,
Numbers 24:15 in English
Numbers 24:15 · Berean Standard Bible
Then Balaam lifted up an oracle, saying, “This is the prophecy of Balaam son of Beor, the prophecy of a man whose eyes are open,
Context
13‘Sɛ Balak ma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ hɔ ma koraa a, menni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade apɛdeɛ.’ Meka kyerɛɛ wo sɛ asɛm a Awurade aka no nko ara na mɛka. 14Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo.” 15Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ:
“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;
nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie, 16deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;
deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni no
deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ;
na ɔda fam, a nʼani gu so: 17“Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei;
mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri.
Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu!
Ahempoma bɛfiri Israel mu.
Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri,
na wapaapae Moab mma tikwankora.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.