Native Bible

Numbers 24:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei; mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri. Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu! Ahempoma bɛfiri Israel mu. Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri, na wapaapae Moab mma tikwankora.

Numbers 24:17 in English

Numbers 24:17 · Berean Standard Bible

I see him, but not now; I behold him, but not near. A star will come forth from Jacob, and a scepter will arise from Israel. He will crush the skulls * of Moab and strike down all the sons of Sheth.

Context

15Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie; nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie, 16deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm; deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni no deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ; na ɔda fam, a nʼani gu so: 17“Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei; mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri. Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu! Ahempoma bɛfiri Israel mu. Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri, na wapaapae Moab mma tikwankora. 18Wɔbɛfa Edom,* na Seir a ɔyɛ ne ɔtamfoɔ no, wɔbɛdi ne so nkonim, na Israel bɛkɔ so adi nkonim. 19Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu ɔno na ɔbɛsɛe Ir nkaeɛfoɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.