4 Mose 24:14
Numbers 24:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo.”
Numbers 24:14 in English
Numbers 24:14 · Berean Standard Bible
Now I am going back to my people, but come, let me warn you what this people will do to your people in the days to come.”
Context
12Balaam buaa no sɛ, “Wonkae asɛm a meka kyerɛɛ wʼasomafoɔ no? Mekaa sɛ, 13‘Sɛ Balak ma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ hɔ ma koraa a, menni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade apɛdeɛ.’ Meka kyerɛɛ wo sɛ asɛm a Awurade aka no nko ara na mɛka. 14Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo.” 15Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ:
“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;
nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie, 16deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;
deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni no
deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ;
na ɔda fam, a nʼani gu so:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.