4 Mose 23:8
Numbers 23:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛbɛyɛ dɛn na matumi madome wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn? Ɛbɛyɛ dɛn na matumi abu wɔn fɔ, nnipa a Awurade mmuu wɔn fɔ?
Numbers 23:8 in English
Numbers 23:8 · Berean Standard Bible
How can I curse what God has not cursed? How can I denounce what the LORD has not denounced?
Context
6Ɛberɛ a Balaam sane baeɛ no, na ɔhene no ne ahenemma a wɔfiri Moab no gyina ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. 7Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:
“Ɔhene Balak soma bɛfrɛɛ me firii Aram.
Moabhene frɛɛ me firii apueeɛ fam nkokoɔ so.
Ɔkaa sɛ, ‘Bra bɛdome Yakob ma me!
Bra bɛka mmusuo a ɛbɛba Israelfoɔ so.’ 8Ɛbɛyɛ dɛn na matumi madome
wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn?
Ɛbɛyɛ dɛn na matumi abu wɔn fɔ,
nnipa a Awurade mmuu wɔn fɔ? 9Mehunu wɔn firi abotan atifi;
mehwɛ wɔn firi nkokoɔ so.
Mehunu nnipa a wɔte wɔn ho ase,
a wɔayi wɔn afiri amanaman mu. 10Hwan na ɔbɛtumi akan Yakob asefoɔ, wɔdɔɔso sɛ mfuturo?
Hwan na ɔbɛtumi akan Israelfoɔ nkyɛmu ɛnan mu baako?
Ma menwu sɛ ɔteneneeni;
na mawieɛ nyɛ sɛ wɔn deɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.