Native Bible

Numbers 23:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Balaam sane baeɛ no, na ɔhene no ne ahenemma a wɔfiri Moab no gyina ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho.

Numbers 23:6 in English

Numbers 23:6 · Berean Standard Bible

So he returned to Balak, who was standing there beside his burnt offering, with all the princes of Moab.

Context

4Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no. Balaam ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Masiesie afɔrebukyia nson. Mabɔ afɔrebukyia no biara so nantwie ba ne odwennini ba afɔdeɛ.” 5Afei, Awurade de nkra maa Balaam sɛ ɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Balak. 6Ɛberɛ a Balaam sane baeɛ no, na ɔhene no ne ahenemma a wɔfiri Moab no gyina ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. 7Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie: “Ɔhene Balak soma bɛfrɛɛ me firii Aram. Moabhene frɛɛ me firii apueeɛ fam nkokoɔ so. Ɔkaa sɛ, ‘Bra bɛdome Yakob ma me! Bra bɛka mmusuo a ɛbɛba Israelfoɔ so.’ 8Ɛbɛyɛ dɛn na matumi madome wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn? Ɛbɛyɛ dɛn na matumi abu wɔn fɔ, nnipa a Awurade mmuu wɔn fɔ?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.