4 Mose 23:5
Numbers 23:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Awurade de nkra maa Balaam sɛ ɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Balak.
Numbers 23:5 in English
Numbers 23:5 · Berean Standard Bible
Then the LORD put a message in Balaam’s mouth, saying, “Return to Balak and give him this message.”
Context
3Afei Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɔre gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho na mɛhwɛ sɛ Awurade bɛhyia me, na asɛm a ɔbɛka akyerɛ me no nso, mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ apampam baabi. 4Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no. Balaam ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Masiesie afɔrebukyia nson. Mabɔ afɔrebukyia no biara so nantwie ba ne odwennini ba afɔdeɛ.” 5Afei, Awurade de nkra maa Balaam sɛ ɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Balak. 6Ɛberɛ a Balaam sane baeɛ no, na ɔhene no ne ahenemma a wɔfiri Moab no gyina ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. 7Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:
“Ɔhene Balak soma bɛfrɛɛ me firii Aram.
Moabhene frɛɛ me firii apueeɛ fam nkokoɔ so.
Ɔkaa sɛ, ‘Bra bɛdome Yakob ma me!
Bra bɛka mmusuo a ɛbɛba Israelfoɔ so.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.