Native Bible

Numbers 23:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mehunu wɔn firi abotan atifi; mehwɛ wɔn firi nkokoɔ so. Mehunu nnipa a wɔte wɔn ho ase, a wɔayi wɔn afiri amanaman mu.

Numbers 23:9 in English

Numbers 23:9 · Berean Standard Bible

For I see them from atop the rocky cliffs, and I watch them from the hills. Behold, a people dwelling apart, not reckoning themselves among the nations.

Context

7Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie: “Ɔhene Balak soma bɛfrɛɛ me firii Aram. Moabhene frɛɛ me firii apueeɛ fam nkokoɔ so. Ɔkaa sɛ, ‘Bra bɛdome Yakob ma me! Bra bɛka mmusuo a ɛbɛba Israelfoɔ so.’ 8Ɛbɛyɛ dɛn na matumi madome wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn? Ɛbɛyɛ dɛn na matumi abu wɔn fɔ, nnipa a Awurade mmuu wɔn fɔ? 9Mehunu wɔn firi abotan atifi; mehwɛ wɔn firi nkokoɔ so. Mehunu nnipa a wɔte wɔn ho ase, a wɔayi wɔn afiri amanaman mu. 10Hwan na ɔbɛtumi akan Yakob asefoɔ, wɔdɔɔso sɛ mfuturo? Hwan na ɔbɛtumi akan Israelfoɔ nkyɛmu ɛnan mu baako? Ma menwu sɛ ɔteneneeni; na mawieɛ nyɛ sɛ wɔn deɛ.” 11Ɔhene Balak bisaa Balaam sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfoɔ, nanso woahyira wɔn!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.