4 Mose 23:11
Numbers 23:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhene Balak bisaa Balaam sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfoɔ, nanso woahyira wɔn!”
Numbers 23:11 in English
Numbers 23:11 · Berean Standard Bible
Then Balak said to Balaam, “What have you done to me? I brought you here to curse my enemies, and behold, you have only blessed them!”
Context
9Mehunu wɔn firi abotan atifi;
mehwɛ wɔn firi nkokoɔ so.
Mehunu nnipa a wɔte wɔn ho ase,
a wɔayi wɔn afiri amanaman mu. 10Hwan na ɔbɛtumi akan Yakob asefoɔ, wɔdɔɔso sɛ mfuturo?
Hwan na ɔbɛtumi akan Israelfoɔ nkyɛmu ɛnan mu baako?
Ma menwu sɛ ɔteneneeni;
na mawieɛ nyɛ sɛ wɔn deɛ.” 11Ɔhene Balak bisaa Balaam sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfoɔ, nanso woahyira wɔn!” 12Nanso, Balaam buaa sɛ, “Metumi aka biribi a Awurade nkaa sɛ menka anaa?” 13Afei, Balak ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi foforɔ. Yɛduru hɔ a, wobɛhunu ɔman Israel fa bi wɔ hɔ. Dome wɔn a wobɛhu wɔn wɔ hɔ no nyinaa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.