Native Bible

Numbers 21:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Egya turi firii Hesbon Ogyaframa firii Sihon ahenkuro mu, Ɛhyee Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab; ɛsɛee sodifoɔ a wɔwɔ Arnon mmepɔ so.

Numbers 21:28 in English

Numbers 21:28 · Berean Standard Bible

For a fire went out from Heshbon, a blaze from the city of Sihon. It consumed Ar of Moab, the rulers of Arnon’s heights.

Context

26Na Hesbon yɛ Amorifoɔhene Sihon Kuropɔn. Sihon na ɛda bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa bɛsii Asubɔnten Arnon no. 27Ne sei enti tete, anwensɛm twerɛfoɔ twerɛɛ yei faa ne ho sɛ, “Bra Hesbon, Sihon kuropɔn, yɛnkyekyere na ɛnsi ne dada mu. 28“Egya turi firii Hesbon Ogyaframa firii Sihon ahenkuro mu, Ɛhyee Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab; ɛsɛee sodifoɔ a wɔwɔ Arnon mmepɔ so. 29Ao Moabfoɔ, mosɛeɛ bɛba mu! Wɔawie mo, mo a mosom Kemos! Kemos agya ne mmammarima sɛ atutenafoɔ, Ne ne mmammaa sɛ Amorifoɔhene Sihon nnommumfoɔ. 30“Yɛasɛe wɔn pasaa, ɛfiri Hesbon tɔnn kɔsi Dibon. Yɛasɛe wɔn ara akɔsi Nofa De kɔ ara kɔsi Medeba.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.