Native Bible

Numbers 21:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ne sei enti tete, anwensɛm twerɛfoɔ twerɛɛ yei faa ne ho sɛ, “Bra Hesbon, Sihon kuropɔn, yɛnkyekyere na ɛnsi ne dada mu.

Numbers 21:27 in English

Numbers 21:27 · Berean Standard Bible

That is why the poets say: “Come to Heshbon, let it be rebuilt; let the city of Sihon be restored.

Context

25Enti Israelfoɔ no faa Amorifoɔ no nkuro akɛseɛ nyinaa a Hesbon kuropɔn ne ne nkuraase nyinaa ka ho tenaa mu. 26Na Hesbon yɛ Amorifoɔhene Sihon Kuropɔn. Sihon na ɛda bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa bɛsii Asubɔnten Arnon no. 27Ne sei enti tete, anwensɛm twerɛfoɔ twerɛɛ yei faa ne ho sɛ, “Bra Hesbon, Sihon kuropɔn, yɛnkyekyere na ɛnsi ne dada mu. 28“Egya turi firii Hesbon Ogyaframa firii Sihon ahenkuro mu, Ɛhyee Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab; ɛsɛee sodifoɔ a wɔwɔ Arnon mmepɔ so. 29Ao Moabfoɔ, mosɛeɛ bɛba mu! Wɔawie mo, mo a mosom Kemos! Kemos agya ne mmammarima sɛ atutenafoɔ, Ne ne mmammaa sɛ Amorifoɔhene Sihon nnommumfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.