Native Bible

Numbers 21:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Hesbon yɛ Amorifoɔhene Sihon Kuropɔn. Sihon na ɛda bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa bɛsii Asubɔnten Arnon no.

Numbers 21:26 in English

Numbers 21:26 · Berean Standard Bible

Heshbon was the city of Sihon king of the Amorites, who had fought against the former king of Moab and taken all his land as far as the Arnon.

Context

24Nanso Israelfoɔ no kunkumm wɔn faa wɔn asase a ɛfiri Asubɔnten Arnon kɔsi asuo Yabok ho toaa so kɔsii Amorifoɔ ahyeɛ so, nanso wɔkɔhyiaa Amon mma ahoɔdenfoɔ bi a wɔakyere sraban enti wɔantumi anko ankɔ wɔn anim bio. 25Enti Israelfoɔ no faa Amorifoɔ no nkuro akɛseɛ nyinaa a Hesbon kuropɔn ne ne nkuraase nyinaa ka ho tenaa mu. 26Na Hesbon yɛ Amorifoɔhene Sihon Kuropɔn. Sihon na ɛda bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa bɛsii Asubɔnten Arnon no. 27Ne sei enti tete, anwensɛm twerɛfoɔ twerɛɛ yei faa ne ho sɛ, “Bra Hesbon, Sihon kuropɔn, yɛnkyekyere na ɛnsi ne dada mu. 28“Egya turi firii Hesbon Ogyaframa firii Sihon ahenkuro mu, Ɛhyee Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab; ɛsɛee sodifoɔ a wɔwɔ Arnon mmepɔ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.