Native Bible

Mark 14:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa sɛ, “ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.’

Mark 14:27 in English

Mark 14:27 · Berean Standard Bible

Then Jesus said to them, “You will all fall away,* for it is written: ‘I will strike the Shepherd, and the sheep will be scattered.’*

Context

25Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom saa nsã yi bio da akɔsi ɛda a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.” 26Wɔtoo dwom bi wieeɛ no, wofirii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔ no so. 27Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa sɛ, “ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.’ 28Na sɛ mewusɔre a, mɛdi mo anim akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.” 29Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.