Native Bible

Mark 14:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom saa nsã yi bio da akɔsi ɛda a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”

Mark 14:25 in English

Mark 14:25 · Berean Standard Bible

Truly I tell you, I will no longer drink of the fruit of the vine until that day when I drink it anew in the kingdom of God.”

Context

23Afei, ɔfaa kuruwa a nsã wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi. 24Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den a bebree enti wɔrehwie agu. 25Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom saa nsã yi bio da akɔsi ɛda a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.” 26Wɔtoo dwom bi wieeɛ no, wofirii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔ no so. 27Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa sɛ, “ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.