Native Bible

Mark 14:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛ mewusɔre a, mɛdi mo anim akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.”

Mark 14:28 in English

Mark 14:28 · Berean Standard Bible

But after I have risen, I will go ahead of you into Galilee.”

Context

26Wɔtoo dwom bi wieeɛ no, wofirii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔ no so. 27Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa sɛ, “ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.’ 28Na sɛ mewusɔre a, mɛdi mo anim akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.” 29Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da!” 30Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, ansa na anadwo yi akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.