Native Bible

Mark 14:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da!”

Mark 14:29 in English

Mark 14:29 · Berean Standard Bible

Peter declared, “Even if all fall away, I never will.”

Context

27Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa sɛ, “ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.’ 28Na sɛ mewusɔre a, mɛdi mo anim akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.” 29Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da!” 30Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, ansa na anadwo yi akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa.” 31Petro de anibereɛ kaa sɛ, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kaeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.