Native Bible

Mark 12:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mogye di sɛ, sɛ afu wura no ba a ɛdeɛn na ɔbɛyɛ akuafoɔ no? Ɔbɛba abɛkum wɔn, na ɔde afuo no ama nnipa foforɔ.

Mark 12:9 in English

Mark 12:9 · Berean Standard Bible

What then will the owner of the vineyard do? He will come and kill those tenants, and will give the vineyard to others.

Context

7“Nanso, ɛberɛ a akuafoɔ no hunuu no sɛ ɔreba no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no. Momma yɛnkum no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea!’ 8Wɔkyeree no, kumm no, twee no firii bobe turom hɔ kɔtoo no twenee baabi. 9“Mogye di sɛ, sɛ afu wura no ba a ɛdeɛn na ɔbɛyɛ akuafoɔ no? Ɔbɛba abɛkum wɔn, na ɔde afuo no ama nnipa foforɔ. 10Monnkanee yei wɔ Atwerɛsɛm no mu pɛn sɛ: “ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ; 11Awurade na wayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.