Native Bible

Mark 12:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade na wayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’ ”

Mark 12:11 in English

Mark 12:11 · Berean Standard Bible

This is from the Lord, and it is marvelous in our eyes’*?”

Context

9“Mogye di sɛ, sɛ afu wura no ba a ɛdeɛn na ɔbɛyɛ akuafoɔ no? Ɔbɛba abɛkum wɔn, na ɔde afuo no ama nnipa foforɔ. 10Monnkanee yei wɔ Atwerɛsɛm no mu pɛn sɛ: “ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ; 11Awurade na wayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’ ” 12Na ɛsiane saa bɛ a ɔbuiɛ no enti, Yudafoɔ mpanin no pɛɛ sɛ wɔkyere no, ɛfiri sɛ, wohunuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafoɔ atirimuɔdenfoɔ no. Nanso na wɔsuro dɔm no. Yei ma wɔgyaee no, na wɔfirii hɔ kɔeɛ. 13Wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.