Native Bible

Mark 10:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn.

Mark 10:16 in English

Mark 10:16 · Berean Standard Bible

And He took the children in His arms, placed His hands on them, and blessed them.

Context

14Yesu hunuu deɛ nʼasuafoɔ no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mmɔfra no ɛkwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea. 15Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu.” 16Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn. 17Na ɔsiim sɛ ɔrekɔ baabi foforɔ no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bɛbuu no nkotodwe, bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, Ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” 18Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ onipa papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.