Marko 10:14
Mark 10:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu hunuu deɛ nʼasuafoɔ no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mmɔfra no ɛkwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea.
Mark 10:14 in English
Mark 10:14 · Berean Standard Bible
But when Jesus saw this, He was indignant and told them, “Let the little children come to Me, and do not hinder them! For the kingdom of God belongs to such as these.
Context
12Na sɛ ɔyere gyaa ne kunu awadeɛ, na ɔsane ware a, ɔno nso abɔ adwaman saa ara.” 13Ɛda bi, awofoɔ bi de mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔnhyira wɔn, nanso nʼasuafoɔ no pampam wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnha no. 14Yesu hunuu deɛ nʼasuafoɔ no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mmɔfra no ɛkwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea. 15Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu.” 16Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.