Marko 10:15
Mark 10:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu.”
Mark 10:15 in English
Mark 10:15 · Berean Standard Bible
Truly I tell you, anyone who does not receive the kingdom of God like a little child will never enter it.”
Context
13Ɛda bi, awofoɔ bi de mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔnhyira wɔn, nanso nʼasuafoɔ no pampam wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnha no. 14Yesu hunuu deɛ nʼasuafoɔ no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mmɔfra no ɛkwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea. 15Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu.” 16Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn. 17Na ɔsiim sɛ ɔrekɔ baabi foforɔ no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bɛbuu no nkotodwe, bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, Ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.