Marko 10:17
Mark 10:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔsiim sɛ ɔrekɔ baabi foforɔ no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bɛbuu no nkotodwe, bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, Ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?”
Mark 10:17 in English
Mark 10:17 · Berean Standard Bible
As Jesus started on His way, a man ran up and knelt before Him. “Good Teacher,” he asked, “what must I do to inherit eternal life?”
Context
15Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu.” 16Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn. 17Na ɔsiim sɛ ɔrekɔ baabi foforɔ no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bɛbuu no nkotodwe, bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, Ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” 18Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ onipa papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 19Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wonim mmaransɛm no: Nni awu, mmɔ adwaman, mmɔ korɔno, nni atorɔ, nsisi, di wʼagya ne wo maame ni.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.