Native Bible

Mark 10:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wonim mmaransɛm no: Nni awu, mmɔ adwaman, mmɔ korɔno, nni atorɔ, nsisi, di wʼagya ne wo maame ni.”

Mark 10:19 in English

Mark 10:19 · Berean Standard Bible

You know the commandments: ‘Do not murder, do not commit adultery, do not steal, do not bear false witness, do not cheat others, honor your father and mother.’*”

Context

17Na ɔsiim sɛ ɔrekɔ baabi foforɔ no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bɛbuu no nkotodwe, bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, Ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” 18Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ onipa papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 19Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wonim mmaransɛm no: Nni awu, mmɔ adwaman, mmɔ korɔno, nni atorɔ, nsisi, di wʼagya ne wo maame ni.” 20Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yeinom nyinaa mefiri me mmɔfraase na medii so.” 21Yesu hwɛɛ aberanteɛ yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Aka wo adeɛ baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ ɔsoro, na bra bɛdi mʼakyi.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.