Marko 10:13
Mark 10:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛda bi, awofoɔ bi de mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔnhyira wɔn, nanso nʼasuafoɔ no pampam wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnha no.
Mark 10:13 in English
Mark 10:13 · Berean Standard Bible
Now people were bringing the little children to Jesus for Him to place His hands on them, and the disciples rebuked those who brought them.
Context
11Ɔbuaa wɔn sɛ, “Sɛ obi gyaa ne yere awadeɛ na ɔsane ware obi foforɔ a, na wabɔ adwaman. 12Na sɛ ɔyere gyaa ne kunu awadeɛ, na ɔsane ware a, ɔno nso abɔ adwaman saa ara.” 13Ɛda bi, awofoɔ bi de mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔnhyira wɔn, nanso nʼasuafoɔ no pampam wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnha no. 14Yesu hunuu deɛ nʼasuafoɔ no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mmɔfra no ɛkwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea. 15Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.