Micah 4:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛdeɛn enti na afei woresu denden, wonni ɔhene anaa? Wo futufoɔ ayera, na enti, ɔyea aka wo sɛ ɔbaa ɔwɔ awokoɔ mu?
Micah 4:9 in English
Micah 4:9 · Berean Standard Bible
Why do you now cry aloud? Is there no king among you? Has your counselor perished so that anguish grips you like a woman in labor?
Context
7Mɛma mmubuafoɔ ayɛ me nkurɔfoɔ wɔ asase no so,
atukɔfoɔ no bɛyɛ ɔman kɛseɛ.
Awurade bɛdi wɔn so ɔhene wɔ Sion bepɔ so
afiri da no akɔsi daa. 8Na wo, nnwankuo no abantenten,
Ao, Ɔbabaa Sion, abandenden,
wɔde wo tete tumidie no bɛsane abrɛ wo;
Ɔbabaa Yerusalem nsa bɛsane aka nʼahennie.” 9Ɛdeɛn enti na afei woresu denden,
wonni ɔhene anaa?
Wo futufoɔ ayera, na enti,
ɔyea aka wo sɛ ɔbaa ɔwɔ awokoɔ mu? 10Ɔyea enti, nukanuka wo mu, Ao Ɔbabaa Sion,
te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no,
seesei ɛsɛ sɛ wofiri kuropɔn no mu
kɔtena ɛserɛ so.
Wobɛkɔ Babilonia;
na ɛhɔ na wɔbɛgye woɔ.
Ɛhɔ na Awurade bɛgye wo
afiri wʼatamfoɔ nsam. 11Seesei deɛ, aman bebree
aka abɔ mu atia wo.
Wɔka sɛ, “Wɔngu Sion ho fi,
na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.