Mika 4:11
Micah 4:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Seesei deɛ, aman bebree aka abɔ mu atia wo. Wɔka sɛ, “Wɔngu Sion ho fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”
Micah 4:11 in English
Micah 4:11 · Berean Standard Bible
But now many nations have assembled against you, saying, “Let her be defiled, and let us feast our eyes on Zion.”
Context
9Ɛdeɛn enti na afei woresu denden,
wonni ɔhene anaa?
Wo futufoɔ ayera, na enti,
ɔyea aka wo sɛ ɔbaa ɔwɔ awokoɔ mu? 10Ɔyea enti, nukanuka wo mu, Ao Ɔbabaa Sion,
te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no,
seesei ɛsɛ sɛ wofiri kuropɔn no mu
kɔtena ɛserɛ so.
Wobɛkɔ Babilonia;
na ɛhɔ na wɔbɛgye woɔ.
Ɛhɔ na Awurade bɛgye wo
afiri wʼatamfoɔ nsam. 11Seesei deɛ, aman bebree
aka abɔ mu atia wo.
Wɔka sɛ, “Wɔngu Sion ho fi,
na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!” 12Nanso, wɔnnim Awurade adwene.
Wɔnte nʼagyinatuo ase.
Wɔnnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafi
de kɔ ayuporobea. 13“Sɔre, na pore, Ao Ɔbabaa Sion,
mɛma wo dadeɛ mmɛn;
mɛma wo kɔbere ntɔte
na wobɛbubu aman bebree mu nketenkete.”
Wode wɔn mfasodeɛ a wɔampɛ no ɛkwan pa so bɛbrɛ Awurade,
wode wɔn ahonyadeɛ bɛbrɛ asase nyinaa so wura.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.